23 Na ɔman baako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a Onyankopɔn gyee wɔn faa sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwanwadwuma+ akɛseɛ de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wogyee+ wɔn firii Egypt, a wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame no?
15 “Enti afei, Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den+ yii wo man firii Egypt asase so de gyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi no,+ yɛayɛ bɔne,+ yɛadi amumuyɔsɛm.
17 Ɛfiri sɛ Twerɛnsɛm no ka kyerɛ Farao sɛ: “Yei ara nti na mama kwan ama woda so te aseɛ, sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo so, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.”+