4 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛnee mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ+ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+
5 Mede kuro yi mu nneɛma a wɔaboaboa ano nyinaa ne ne nnɔbaeɛ nyinaa ne n’aboɔdenneɛ nyinaa bɛma, na Yuda ahemfo ademudeɛ nyinaa nso, mede bɛhyɛ wɔn atamfo nsa.+ Wɔbɛfom na wɔafa de akɔ Babilon.+
4 ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, meredane mo nsam akodeɛ aba mo so, akodeɛ a mo ne Babilon+ hene ne Kaldeafoɔ+ a wɔatwa mo ho ahyia wɔ ɔfasuo no akyi, de reko no, na mɛboa ano aba kuro yi mfimfini.+