6Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei wobɛhunu deɛ mɛyɛ Farao,+ ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no ama wɔn kwan akɔ, na nsa a ɛyɛ den bɛma no apamo wɔn mpo afiri n’asase so.”+
21 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a nokorɛ Nyankopɔn gyee wɔn yɛɛ ne man?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwanwadwuma akɛseɛ de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wogyee wɔn firii Egypt no na woyɛɛ ahudeɛ de pamoo amanaman+ no firii wɔn anim?