Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 9:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Kae: Mma wo werɛ mmfiri sɛdeɛ wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ no soɔ no.+ Ɛfiri da a mofirii Egypt bɛsi nnɛ a mowɔ ha yi, daa mote atua tia Yehowa.+

  • 2 Ahemfo 17:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Israelfoɔ yɛɛ Yehowa, wɔn Nyankopɔn ani so bɔne,+ na wɔsisii sorɔnsorɔmmea+ wɔn nkuro nyinaa mu, ɛfiri awɛmfoɔ aban+ so kɔsi kuro a wɔabɔ ho ban so;

  • Nehemia 9:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 “Na wɔn, yɛn agyanom deɛ, wɔdii ahantansɛm;+ wɔsenee wɔn kɔn+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ.

  • Dwom 106:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Yɛayɛ bɔne sɛ yɛn agyanom ara;+

      Yɛafom; yɛadi amumuyɔsɛm.+

  • Yeremia 2:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Meyɛɛ mo nkakrankakra de mo baa turo asase so sɛ mommɛdi ɛso aba ne emu nnepa.+ Nanso moba bɛguu m’asase ho fĩ; m’agyapadeɛ no, modanee no akyiwadeɛ.+

  • Yeremia 3:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Yɛn aniwuo+ mu na yɛda na yɛn animguaseɛ kata yɛn ho daa;+ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne,+ yɛne yɛn agyanom, ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi nnɛ,+ na yɛantie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne.”+

  • Hesekiel 16:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 “‘Mebɛtwaam faa wo ho, na mehunuu sɛ wo berɛ yɛ ɔdɔ berɛ.+ Enti metrɛɛ m’atadeɛ mu wo so+ kataa w’adagya so, na mekaa ntam ne wo yɛɛ apam,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Na wobɛyɛɛ me dea.+

  • Hesekiel 20:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafiri aseɛ rebɔ afɔdeɛ wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔdeɛ hwamhwam+ guu nsã wɔ hɔ.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 7:51
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 51 “Nnipa a moasene mo kɔn na moyɛ akoma ne aso mu momonotofoɔ,+ berɛ nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane