9 hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma Babilon hene Nebukadresar, m’akoa no aba.+ Mɛma wɔaba asase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so;+ mɛsɛe wɔn na mama wɔayɛ ahodwirideɛ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma+ ne amamfõ de akɔsi daa.+
10 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadresar,+ m’akoa+ no aba, na aboɔ a mede ahunta yi so na mede n’ahennwa bɛsie, na ɔbɛtrɛ ne ntomadan kɛseɛ mu wɔ so.
18 “Onipa ba, Babilon hene Nebukadresar+ maa n’asraafoɔ kɔyɛɛ Tiro ho adwuma.+ Na etire nyinaa ho pepaeɛ na mmatire nyinaa ho worɔworɔeɛ.+ Nanso ɔne n’asraafoɔ no annya akatua+ biara amfiri dwuma a wɔkɔdii Tiro no mu.