17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn+ no aka nie, ‘Sɛ wobɛfiri adi akɔ Babilon hene+ mpanimfoɔ nkyɛn deɛ a, wo kra bɛtena nkwa mu, na wɔremfa egya nhye kuro yi, na wo ne wo fiefoɔ nso bɛtena nkwa mu.+
23 Wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa bɛfiri adi abrɛ Kaldeafoɔ no, na wo nso, worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.+ Babilon hene nsa bɛsɔ wo mu, na wo nti, wɔde gya bɛhye kuro yi.”+