21 Yei maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kɔsii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wieeɛ.+ Nna dodoɔ a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ aduɔson duruiɛ.+
10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ aduɔson no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛdane m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekaa no mo ho no, mɛma no aba mu na masan ama moaba ha.’+