21 Yei maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kɔsii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wieeɛ.+ Nna dodoɔ a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ aduɔson duruiɛ.+
1Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan+ Persia hene Kores honhom, na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro+ n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ:
2 me Daniel, mehwehwɛɛ nwoma ahodoɔ no mu wɔ n’ahennie afe a ɛdi kan yi mu hunuu mfeɛ dodoɔ a Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn+ no kyerɛɛ sɛ Yerusalem+ amamfoyɛ no bɛdie, kyerɛ sɛ mfeɛ aduɔson.+
5 “Ka kyerɛ asase no sofoɔ ne asɔfoɔ nyinaa sɛ, ‘Berɛ a modii mmuada+ na mosuu bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson+ no mu mfeɛ aduɔson+ no, modii mmuada yi maa me anaa?+