41Ɛbaa sɛ bosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama+ ba Netania ba Ismael+ a ɔfiri adehyeɛ abusua+ mu a ɔka ɔhene mpanimfoɔ ho no ne mmarima foforɔ du+ baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Na wɔn nyinaa tenaa ase sɛ wɔredidi wɔ Mispa.+
2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔreeɛ, na wɔde nkrantɛ bɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia kum no.+ Enti ɔkum deɛ Babilon hene de no asi asase no soɔ no.+