5 Saa odiyifoɔ+ anaa ɔdaeɛsofoɔ no deɛ, monku no,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔtu mo aso na mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt asase soɔ na ɔgyee mo firii nkoafie no. Ɔpɛ sɛ momane firi kwan a Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ momfa soɔ no so;+ enti monyi bɔne biara mfiri mo mu.+
3 Na sɛ ɔbarima bi hyɛ nkɔm bio a, ne papa ne ne maame a wɔwoo no nka nkyerɛ no sɛ, ‘Wobɛwu ɛfiri sɛ wode Yehowa din aka atosɛm.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne papa ne ne maame a wɔwoo no mfa adeɛ nhwire ne mu.+