Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 49:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman bɛtie no.+

  • Numeri 24:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Mɛhu no,+ nanso ɛnyɛ seesei;

      Mede m’ani bɛhu no, nanso ɛnyɛ ha.

      Nsoromma+ bi bɛpue afiri Yakob mu,

      Na ahempoma bi bɛsɔre Israel mu.+

      Ɔbɛbubu Moab ti+

      Na ɛko mma nyinaa, ɔbɛsɛe wɔn tikoraa.

  • Luka 7:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Afei ehu+ kaa wɔn nyinaa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Wɔama odiyifoɔ+ kɛseɛ bi so yɛn mu,” na “Onyankopɔn ama n’ani aba ne nkurɔfoɔ so.”+

  • Luka 24:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Asɛm bɛn?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɛfa Nasareni+ Yesu, a ɔbɛyɛɛ odiyifoɔ+ a ɔwɔ tumi wɔ nnwuma ne kasa mu wɔ Onyankopɔn ne ɔman no nyinaa anim no ho no,

  • Yohane 1:45
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 45 Filipo hunuu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu deɛ Mose twerɛɛ ne ho asɛm wɔ Mmara no mu+ a Adiyifoɔ+ no nso twerɛɛ ne ho asɛm no, Yesu, Yosef ba+ a ɔfiri Nasaret no.”

  • Yohane 6:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Afei berɛ a nnipa no hunuu sɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no, wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Nokwasɛm nie, odiyifoɔ+ a ɔreba wiase no nie.”

  • Asomafoɔ Nnwuma 3:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Nokwasɛm nie, Mose kaa sɛ, ‘Yehowa Nyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.+ Ɛsɛ sɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa motie.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 7:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 “Mose yi na ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ, ‘Onyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane