Genesis 49:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman bɛtie no.+ Dwom 45:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Onyankopɔn ne w’ahennwa daa daa,+Na w’ahempoma yɛ teeyɛ poma.+ Dwom 108:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Gilead+ yɛ me dea; Manase+ yɛ me dea,Na Efraim yɛ me otitire abankɛseɛ;+Yuda yɛ m’ahempoma.*+ Dwom 110:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 W’ahoɔden poma no,+ Yehowa bɛsoma afiri Sion,+ na waka sɛ:“Kɔ w’atamfo mfimfini kɔdi wɔn so.”+ Hebrifoɔ 1:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso ɔka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa daa+ daa, na w’ahempoma+ yɛ teeyɛ poma.+
10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman bɛtie no.+