Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Samuel 7:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Wo fie ne w’ahennie bɛtim w’anim afebɔɔ, na w’ahennwa nso bɛtim afebɔɔ.”’”+

  • Yesaia 9:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+

  • Yesaia 14:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Wokaa no w’akomam sɛ: ‘Mɛforo akɔ soro.+ Mɛma m’adwa+ so asi Onyankopɔn nsoromma atifi,+ na mɛtena nhyiamu bepɔ+ so wɔ atifi fam nohoa.+

  • Yeremia 23:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+

  • Hesekiel 21:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ na mɛma no aba.+ Na yei nso renyɛ obiara dea kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba,+ na mede bɛma no.’+

  • 2 Petro 1:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Enti wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm+ no mu den+ ama yɛn; na ɛyɛ sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu wɔ mo akomam kɔsi sɛ adeɛ bɛkye ama adekyeeɛ nsoromma+ apue.

  • Adiyisɛm 22:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 “‘Me, Yesu, na mesomaa me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi yeinom ho adanseɛ nkyerɛ mo mma asafo ahodoɔ no. Mene Dawid nhini+ ne n’aseni,+ adekyeeɛ nsoromma+ a ɛhyerɛn no.’”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane