9 “‘Mede ɔhyew baa mo so na memaa yareɛ te sii mo mfuo so.+ Moyeyɛɛ bobe nturo ne nturo foforɔ pii, nanso ɔsã wee mo borɔdɔma nnua ne mo ngo nnua nyinaa;+ nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
17 Mede ɔhyew+ baa mo so na memaa yareɛ te sii mo mfuo mu,+ na memaa asukɔtweaa+ baa mo so, ne mo nsa ano adwuma+ nyinaa so, nanso mo mu biara ansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie—