Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
15 Na ɔsisii adan pii wɔ Dawid Kuro mu; afei nso ɔsiesiee baabi maa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no, na ɔsii ntomadan a ɔde bɛsi mu.+ 2 Saa berɛ no, Dawid kaa sɛ: “Obiara nni hokwan sɛ ɔsoa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no, gye Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ wɔn na Yehowa ayi wɔn sɛ wɔnsoa Yehowa Adaka no na wɔnsom no daa.”+ 3 Ɛnna Dawid boaboaa Israel nyinaa ano wɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔfa Yehowa Adaka no mmra faako a wasiesie no.+
4 Aaron asefoɔ+ ne Lewifoɔ+ a Dawid boaboaa wɔn ano nie: 5 Kohat asefoɔ no ne otitire Uriel ne ne nuanom 120; 6 Merari asefoɔ no ne otitire Asaia+ ne ne nuanom 220; 7 Gersom asefoɔ no ne otitire Yoel+ ne ne nuanom 130; 8 Elisafan+ asefoɔ no ne otitire Semaia ne ne nuanom 200; 9 Hebron asefoɔ no ne otitire Eliel ne ne nuanom 80; 10 Usiel+ asefoɔ no ne otitire Aminadab ne ne nuanom 112. 11 Afei nso, Dawid frɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok+ ne ɔsɔfoɔ Abiatar,+ ne Lewifoɔ Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab, 12 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mone Lewifoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ. Mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na monkɔfa Yehowa, Israel Nyankopɔn Adaka no mmra faako a masiesie sɛ yɛmfa nsi no. 13 Yɛkɔfaa no kane no moansoa,+ ɛno nti na Yehowa yɛn Nyankopɔn abufuo baa yɛn so no;+ yɛanni akwankyerɛ no so.”+ 14 Enti asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa Yehowa, Israel Nyankopɔn Adaka no aba.
15 Ɛnna Lewifoɔ no de nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no nnua hyehyɛɛ mu,+ na wɔde sii wɔn mmati soaa no sɛdeɛ Mose nam Yehowa asɛm so kaeɛ no. 16 Afei Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ atitire no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofoɔ no mfa wɔn nnwontoɔ nneɛma te sɛ nnawuro*+ ne asankuo+ ahodoɔ nyinaa bi, na wɔmfa anigyeɛ nto dwom.
17 Enti Lewifoɔ no yii Yoel ba Heman+ ne ne nuanom Berekia ba Asaf+ ne Kusaia ba Etan+ a ɔfiri Merari asefoɔ mu; 18 wɔne wɔn nuanom a wɔwɔ kuo a ɛtɔ so mmienu no mu,+ Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, ne Mikneia; ɛne Obed-Edom ne Yeiel a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ. 19 Nnwontofoɔ no ne Heman,+ Asaf+ ne Etan; wɔn na wɔyii wɔn sɛ wɔmmɔ nnawuro a wɔde kɔbere ayɛ;+ 20 ɛne Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia, ne Benaia; wɔn na wɔkurakura asankuo a wɔbɔ no Alamot* so;+ 21 ɛne Matitia,+ Elifelehu, Mikneia, Obed-Edom, Yeiel, ne Asasia. Wɔn na wɔkurakura asankuo a wɔbɔ no Seminit* so;+ wɔyɛ dwom kyerɛfoɔ. 22 Kenania+ na na ɔda Lewifoɔ a wɔsoa Adaka no ano; ɔno na ɔkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsoa no, ɛfiri sɛ na waben wom; 23 ná Berekia ne Elkana nso yɛ apono ano ahwɛfoɔ a wɔwɛn Adaka no. 24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, ne Elieser yɛ asɔfoɔ a na wɔhyɛn ntotorobɛnto dendeenden wɔ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no anim;+ ná Obed-Edom ne Yehia nso yɛ apono ano ahwɛfoɔ a wɔwɛn Adaka no.
25 Ɛnna Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne apem apem so ahwɛfoɔ no de ahurisie+ bɔɔ anan kɔfaa Yehowa apam adaka no firii Obed-Edom fie.+ 26 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn no boaa Lewifoɔ a wɔsoaa Yehowa apam adaka no, wɔde anantwinini nkumaa nson ne adwennini nson bɔɔ afɔreɛ.+ 27 Saa berɛ no, na Dawid hyɛ nwera ataadeɛ a ɛyɛ nsasini; ɔne Lewifoɔ a wɔso Adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no ne Kenania, ɔpanin a ɔdi anim ma nnwontofoɔ soa Adaka no; ná Dawid hyɛ nwera efɔd*+ nso. 28 Ná Israelfoɔ nyinaa nam kwan so de Yehowa apam adaka no reba; wɔbɔɔ ose,+ na wɔhyɛn mmɛn ne ntotorobɛnto,+ bɔɔ nnawuro ne asankuo ahodoɔ nyinaa bi dendeenden.+
29 Nanso berɛ a wɔde Yehowa apam adaka no duruu Dawid Kuro+ mu no, Saul babaa Mikal+ hwɛɛ mpomma mu huu sɛ Ɔhene Dawid rehurihuri sa, na ɔbuu ɔhene no animtia wɔ n’akomam.+