Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
14 Tiro hene Hiram+ tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, na ɔde sida nnua ne abantofoɔ ne dua adwumfoɔ kɔɔ sɛ wɔnkɔsi fie* mma no.+ 2 Dawid bɛhuu sɛ Yehowa ama n’ahennie atim wɔ Israel so,+ na Onyankopɔn man Israel nti,+ wama n’ahennie so.
3 Dawid san waree mmaa foforɔ+ wɔ Yerusalem, na Dawid san woo mma mmarima ne mma mmaa+ wɔ hɔ nso. 4 Ne mma a ɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no din nie:+ Sammua, Sobab, Natan,+ Solomon,+ 5 Ibhar, Elisua, Elpelet, 6 Noga, Nefeg, Yafia, 7 Elisama, Beeliada, ne Elifelet.
8 Berɛ a Filistifoɔ no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel nyinaa so+ no, wɔn nyinaa baa sɛ wɔne Dawid rebɛko.+ Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔɔ wɔn so. 9 Ɛnna Filistifoɔ no baeɛ, na wɔbɛto hyɛɛ nnipa a wɔwɔ Refaim Bɔn mu*+ no so. 10 Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ: “Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa?” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, na ɛkwan biara so mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.”+ 11 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim,+ na ɔkɔkunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no nam me nsa so abu afa m’atamfo so sɛdeɛ nsuo bu fa nneɛma so no.” Ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim* no. 12 Filistifoɔ no gyaa wɔn anyame hɔ kɔe, na Dawid maa wɔde gya hyeeɛ.+
13 Akyire yi, Filistifoɔ no san bɛto hyɛɛ nnipa a wɔwɔ bɔn no mu*+ so bio. 14 Dawid san bisaa Onyankopɔn, nanso nokorɛ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkɔhyia wɔn. Kɔ na kɔfiri wɔn akyi bra, na to hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua no anim.+ 15 Ɛba sɛ wote nnyegyeeɛ a ɛte sɛ nnipadɔm nanteɛ wɔ baka nnua no so a, kɔ wɔn so, ɛfiri sɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ nokorɛ Nyankopɔn no adi w’anim rekɔkunkum Filistifoɔ asraafoɔ no.”+ 16 Enti Dawid yɛɛ deɛ nokorɛ Nyankopɔn no kaeɛ no pɛpɛɛpɛ,+ na wɔkunkum Filistifoɔ asraafoɔ firii Gibeon kɔsii Geser.+ 17 Dawid ho asɛm trɛ kɔɔ nsaase nyinaa so, na Yehowa maa ne ho hu tɔɔ aman nyinaa so.+