4 “Momfa ɔbarima baako mfiri abusuakuo biara mu nka mo ho. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ n’agyanom abusuafie so panin.+5 Mmarima a wɔbɛka mo ho no din nie: Deɛ ɔbɛfiri Ruben abusuakuo mu aba ne Sedeo ba Elisur.+
10 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Ruben+ abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ anaafoɔ fam. Ruben abusuapanin ne Sedeo ba Elisur.+