Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 18:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Ɛnna Mose yii Israelfoɔ no mu mmarima a wɔfata yɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so.

  • Numeri 1:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Weinom na wɔyii wɔn wɔ asafo no mu. Wɔn na wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuo mu mpanimfoɔ+ a wɔdeda Israel apem apem ano.”+

  • Yosua 22:13, 14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Na Israelfoɔ somaa ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so. 14 Ná mpanimfoɔ du ka ne ho; wɔyii ɔpanin baako firii Israel agyanom abusuakuo biara mu. Ná wɔn mu biara da n’agyanom fie ano, Israel apem apem* mu.+

  • Yosua 23:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa,+ mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne atemmufoɔ ne atitire,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me deɛ, me mfeɛ akɔ animu, na mabɔ akɔkoraa.

  • 1 Berɛsosɛm 27:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Israelfoɔ akuakuo a afe afe wɔba bosome biara bɛsom kɔ no, na kuo biara mu nnipa yɛ 24,000. Ná akuo no mufoɔ binom yɛ agyanom abusuafie mpanimfoɔ, ebinom yɛ apem apem ne ɔhaha so mpanimfoɔ,+ ɛnna ebinom nso yɛ atitire a wɔhwɛ akuo no nsɛm nyinaa so de som ɔhene.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane