-
Numeri 10:11-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Afei afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 20 no,+ mununkum no firii Adanseɛ ntomadan no so.+ 12 Enti Israelfoɔ no firii aseɛ tu firii Sinai serɛ so, sɛdeɛ wɔahyehyɛ wɔn sɛ wɔretu a wɔnyɛ no.+ Na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.+ 13 Wei ne deɛ ɛdi kan a wɔtuiɛ, sɛdeɛ Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no.+
-