14 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wode aba a ɛdi kan brɛ Yehowa sɛ aduane afɔreɛ a, fa hwiit* foforɔ a wɔde egya atõtõ na wɔasi bra, na ɛnyɛ aduane afɔreɛ a ɛfiri w’aba a ɛdi kan mu.+
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfoɔ de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+
26“Sɛ wonya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ no tena so a, 2 fa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so aba a ɛdi kan no biara bi gu kɛntɛn mu kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no.+