-
Leviticus 8:15, 16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔrebukyia no ho.* Afei ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔreɛ wɔ so de apata bɔne. 16 Ɛno akyi no, Mose yii sradeɛ a ɛwɔ aboa no nsono ne ne berɛboɔ ho no nyinaa ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.+
-