Deuteronomium 8:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 w’akoma bɛhoran+ na wo werɛ afiri Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt nkoafie no.+ Yesaia 32:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Mmaa a mo ho atɔ mo, monsɔre ntie me!+ Mma mmaa a hwee mfa mo ho, monyɛ aso mma m’asɛm! Hesekiel 16:49 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 49 ‘Hwɛ, bɔne a wo nua Sodom yɛeɛ nie: Ahantan,+ adidimeeɛ,+ ahokyerɛ,+ ne dwoodwoo asetena; yei na ɔne ne nkuro nyaeɛ,+ nanso ɔbrɛfoɔ+ ne ohiani nsa deɛ, wanhyɛ no den.+
49 ‘Hwɛ, bɔne a wo nua Sodom yɛeɛ nie: Ahantan,+ adidimeeɛ,+ ahokyerɛ,+ ne dwoodwoo asetena; yei na ɔne ne nkuro nyaeɛ,+ nanso ɔbrɛfoɔ+ ne ohiani nsa deɛ, wanhyɛ no den.+