Genesis 19:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Wobaa ha sɛ ɔhɔhoɔ+ ankonam na afei woadane ɔtemmufoɔ.+ Deɛ yɛde rebɛyɛ woɔ no bɛsene wɔn deɛ.” Na wɔtuu bum baa Lot so,+ na wɔpɛɛ sɛ wɔbubu pono no+ kɔ mu. Mmebusɛm 16:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Akoma mu ɔhantanni yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na nsa tɔ nsayam mpo a, onipa remfa ne ho nni.+ Mmebusɛm 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,+ na ahomasoɔ honhom di asehweɛ anim.+ Mmebusɛm 21:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ahantan aniwa ne ahantan akoma+ ne abɔnefoɔ kanea yɛ bɔne.+ Yakobo 4:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nanso mode mo ahohoahoa mema mo ho so.+ Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne.
9 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Wobaa ha sɛ ɔhɔhoɔ+ ankonam na afei woadane ɔtemmufoɔ.+ Deɛ yɛde rebɛyɛ woɔ no bɛsene wɔn deɛ.” Na wɔtuu bum baa Lot so,+ na wɔpɛɛ sɛ wɔbubu pono no+ kɔ mu.