Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Samuel 22:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Wobɛgye ahobrɛasefoɔ nso;+

      Na ahantanfoɔ deɛ, w’ani sã wɔn na wobrɛ wɔn ase.+

  • Dwom 10:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Ɔdebɔneyɛfoɔ ahomasoɔ nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;+

      Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+

  • Dwom 18:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Wo na wogye mmɔborɔfoɔ man;+

      Na aniwa a ɛyɛ ahantan deɛ, wobɛbrɛ no ase.+

  • Dwom 101:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Obiara a ɔsɛe ne yɔnko din kokoam no,+

      Mema no ka n’ano tom.+

      Obiara a ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma no,+

      Me ne n’ani nhyia.+

  • Mmebusɛm 6:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 ani a ɛtra ntɔn,+ atorɔ kɛtrɛma,+ ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo,+

  • Mmebusɛm 14:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ɔkwasea anom asɛm te sɛ ahantan abaa,+ na anyansafoɔ ano kora wɔn so.+

  • Yesaia 2:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ɔdasani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomasoɔ aba fam.+ Saa da no, Yehowa nko ara na wɔbɛma ne soɔ.+

  • Luka 18:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔteneneeni+ senee ɔbarima baako no; ɛfiri sɛ obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma no so.”+

  • 1 Petro 5:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanimfoɔ ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛaseɛ adwene mmɔ mo asene mfa nsonsom mo ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ahantanfoɔ di asie, nanso ɔdom ahobrɛasefoɔ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane