Hiob 40:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Hwehwɛ ɔhantanni biara, brɛ no ase,+Na tiatia nnebɔneyɛfoɔ so baabiara a wɔwɔ. Mmebusɛm 6:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 ani a ɛtra ntɔn,+ atorɔ kɛtrɛma,+ ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo,+ Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. Mmebusɛm 21:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ahantan aniwa ne ahantan akoma+ ne abɔnefoɔ kanea yɛ bɔne.+