5 Ɛnna Yehowa, ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria+ hene nsa+ maa no dii ne so nkonim, na ɔfaa nnipa bebree nnommum kɔɔ Damasko.+ Ɔde no hyɛɛ Israel hene nso nsa+ maa no de okunkɛseɛ kunkum ne nkurɔfoɔ.
18 Filistifoɔ+ nso bɛto hyɛɛ Sefela+ ne Negeb+ nkuro a ɛwɔ Yuda no so, na wɔfaa Bet-Semes+ ne Ayalon+ ne Gederot+ ne Soko+ ne ɛho nkuro, ne Timna+ ne ɛho nkuro, ne Gimso ne ɛho nkuro, na wɔtenatenaa hɔ.
11 Ɛnna Yehowa maa Asiria hene+ dɔm so asahene baa wɔn soɔ,+ na wɔkyee Manase wɔ tokuro+ bi mu de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu+ no, na wɔde no kɔɔ Babilon.
18 “Mika+ a ɔfiri Moreset+ hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda+ hene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase,+ na wɔbɛdwiri Yerusalem asum hɔ,+ na Asɔrefie bepɔ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu nkokoɔ.”’+