Genesis 14:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Anadwo no, ɔkyɛɛ ne nkoa no mu,+ na wɔto hyɛɛ wɔn so dii wɔn so nkonim, na wɔtĩĩ wɔn ara kɔduruu Hoba a ɛwɔ Damasko atifi. 2 Samuel 8:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Afei, Dawid de asraafoɔdɔm+ kɔguu Siria a ɛwɔ Damasko, na Siriafoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔeɛ.+ 1 Berɛsosɛm 18:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Berɛ a Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Soba hene+ Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafoɔ mmarima mpem aduonu mmienu.
15 Anadwo no, ɔkyɛɛ ne nkoa no mu,+ na wɔto hyɛɛ wɔn so dii wɔn so nkonim, na wɔtĩĩ wɔn ara kɔduruu Hoba a ɛwɔ Damasko atifi.
6 Afei, Dawid de asraafoɔdɔm+ kɔguu Siria a ɛwɔ Damasko, na Siriafoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔeɛ.+
5 Berɛ a Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Soba hene+ Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafoɔ mmarima mpem aduonu mmienu.