6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa gya mu+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔdii nkonyaayie+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfoɔ+ ne ntafowayifoɔ+ goroeɛ. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.+
13 W’ani yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ bɔne, na wontumi nhwɛ abusudeɛ.+ Na adɛn nti na wohwɛ nkontompofoɔ,+ na woyɛ komm ma ɔbɔnefoɔ mene deɛ ɔtene sene no yi?+
2 Sɛ moantie+ na moamma no anna mo akoma+ so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdane nnome.+ Mama mo nhyira adane nnome mpo dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa na aka.