9 Enti yei so na wɔnam bɛpata Yakob bɔne,+ na sɛ ɔyi ne bɔne+ kɔ a, aba a ɛbɛfiri mu aba nyinaa nie: Ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ abɛyɛ sɛ akaadoo a wɔayam, na abosonnua+ ne aduhwam adeɛ remma wɔn ho so bio.+
23 Afei wɔremfa wɔn abosom fĩ ne wɔn abofonodeɛ ne wɔn mmaratodeɛ ngu wɔn ho fĩ bio.+ Na mɛgye wɔn afiri bɔne a wɔyɛɛ no wɔn atenaeɛ nyinaa no mu na mate wɔn ho.+ Afei wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛtwa ahoni din afiri asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ+ ne honhom fĩ nyinaa nso afiri asase no so.+