Yesaia 2:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na anyamehunu no bɛfiri hɔ koraa.+ Hesekiel 11:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na wɔbɛba hɔ abɛyi akyiwadeɛ ne abofonodeɛ no nyinaa afiri mu.+ Hesekiel 20:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Ɛhɔ na mobɛkae mo akwan+ ne deɛ moayɛ de agu mo ho fĩ nyinaa,+ na abofonodeɛ ne nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa bɛma moafɛre.+ Hosea 14:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Efraim bɛka sɛ, ‘Ɛdeɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+ “Na me ara mɛma mmuaeɛ na m’ani aku ne ho.+ Mete sɛ popaw dua frɔmfrɔm.+ Na me so na wobɛnya aba.” Sakaria 13:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛtwa ahoni din afiri asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ+ ne honhom fĩ nyinaa nso afiri asase no so.+
43 Ɛhɔ na mobɛkae mo akwan+ ne deɛ moayɛ de agu mo ho fĩ nyinaa,+ na abofonodeɛ ne nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa bɛma moafɛre.+
8 “Efraim bɛka sɛ, ‘Ɛdeɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+ “Na me ara mɛma mmuaeɛ na m’ani aku ne ho.+ Mete sɛ popaw dua frɔmfrɔm.+ Na me so na wobɛnya aba.”
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛtwa ahoni din afiri asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ+ ne honhom fĩ nyinaa nso afiri asase no so.+