16 Wobɛba me man Israel so te sɛ mununkum abɛkata asase no so.+ Nna a ɛdi akyire no mu na mede wo bɛba m’asase soɔ,+ na sɛ menam wo so te me din ho wɔ amanaman no anim a, wɔahu me, O Gog.”’+
17 ‘“Nna a ɛdi akyire no mu no,” Onyankopɔn na ɔseɛ, “Mɛhwie me honhom+ no bi agu honam ahodoɔ nyinaa so, na mo mma mmarima ne mo mma mmaa bɛhyehyɛ nkɔm na mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu na mo mpanimfoɔ asõsõ adaeɛ;+
12 Yei nti mo ɔsoro ne mo a motete mu,+ momma mo ani nnye! Asase ne ɛpo+ nnue,+ ɛfiri sɛ Ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn na ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.”+