Dwom 2:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Bisa me,+ na mede amanaman bɛma wo sɛ w’agyapadeɛ;+Mede asase ano nyinaa bɛma wo ama woadi so.+ Dwom 72:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɔbɛnya ɔmanfoɔ firi po ano akɔsi po ano,+Ne asubɔnten kɛseɛ no+ so akɔsi asase ano.+ Dwom 86:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Aman a woayɛ wɔn nyinaa bɛba;+Wɔbɛba abɛkoto w’anim, O Yehowa,+Na wɔbɛhyɛ wo din animuonyam.+ Hagai 2:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “‘Na mɛwoso amanaman nyinaa, na aman nyinaa mu nnepa bɛba,+ na mede animuonyam bɛhyɛ fie yi mã,’+ asafo Yehowa na aka. Malaki 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Na aman nyinaa bɛbu mo anigyefoɔ,+ ɛfiri sɛ mobɛyɛ anigyeɛ asase,”+ asafo Yehowa na aka. Adiyisɛm 11:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+
7 “‘Na mɛwoso amanaman nyinaa, na aman nyinaa mu nnepa bɛba,+ na mede animuonyam bɛhyɛ fie yi mã,’+ asafo Yehowa na aka.
15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+