47 Na ka kyerɛ anafoɔ fam kwaeɛ sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede gya bɛto wo mu+ ama no ahye dua mono ne duawuiɛ biara.+ Na gyaframa no rennum,+ na ɛfiri anafoɔ kɔsi atifi, obiara anim* bɛhye.+
4Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehye sɛ fononoo,+ na ahantanfoɔ ne wɔn a wɔdi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ serɛ.+ Na da a ɛreba no bɛhye wɔn, na nhini anaa duban mpo renka.+