Leviticus 23:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “‘Sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, ɛnsɛ sɛ motwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa, na motwa wie nso a, ɛnsɛ sɛ mosesa deɛ aka aseɛ no.+ Monnya mma wɔn a ahia wɔn+ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’” Rut 2:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Monyiyi nnɔbaeɛ no nso bi ngu fam mma no nsesa,+ na monnteatea no.” Dwom 41:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+Yehowa bɛgye no ahohia da mu.+
22 “‘Sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, ɛnsɛ sɛ motwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa, na motwa wie nso a, ɛnsɛ sɛ mosesa deɛ aka aseɛ no.+ Monnya mma wɔn a ahia wɔn+ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”