Exodus 20:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara soɔ deɛ, mɛyi m’adɔeɛ adi akyerɛ wɔn akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.+ 1 Ahemfo 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Di Yehowa, wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na nante n’akwan so.+ Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmusɛm+ ne n’adansesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu+ no, na ama woahunu nyansa biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkorɔ; Mateo 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ papa.+ Na mmom sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, kɔ so ara di mmara no so.”+ 1 Yohane 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ;+ na n’ahyɛdeɛ nyɛ den,+
6 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara soɔ deɛ, mɛyi m’adɔeɛ adi akyerɛ wɔn akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.+
3 Di Yehowa, wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na nante n’akwan so.+ Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmusɛm+ ne n’adansesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu+ no, na ama woahunu nyansa biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkorɔ;
17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ papa.+ Na mmom sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, kɔ so ara di mmara no so.”+