Leviticus 18:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “‘Wo nuabaa, wo papa babaa anaa wo maame babaa, sɛ wɔwoo no fikorɔ no ara mu oo, wɔwoo no baabi oo, nyi n’adagya so.+ Leviticus 20:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Sɛ ɔbarima bi fa ne nuabaa a ɔyɛ ne papa ba anaa ne maame ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya a, ɛyɛ aniwudeɛ.+ Enti ɛsɛ sɛ wɔku wɔn wɔ wɔn man mufoɔ anim. Ɛyɛ ne nuabaa adagya na wayi soɔ, enti ɔbɛsoa ne bɔne. 2 Samuel 13:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso wantie no, na ɔde ahoɔden bunkam ne so brɛɛ no ase,+ na ɔne no daeɛ.+ Hesekiel 22:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ adapaadeɛ,+ na obi de ahohwibra gu ɔno ara n’asebaa* ho fĩ;+ na ɔbarima brɛ ne nuabaa ase, ɔno ara ne papa ba.+
9 “‘Wo nuabaa, wo papa babaa anaa wo maame babaa, sɛ wɔwoo no fikorɔ no ara mu oo, wɔwoo no baabi oo, nyi n’adagya so.+
17 “‘Sɛ ɔbarima bi fa ne nuabaa a ɔyɛ ne papa ba anaa ne maame ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya a, ɛyɛ aniwudeɛ.+ Enti ɛsɛ sɛ wɔku wɔn wɔ wɔn man mufoɔ anim. Ɛyɛ ne nuabaa adagya na wayi soɔ, enti ɔbɛsoa ne bɔne.
11 Ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ adapaadeɛ,+ na obi de ahohwibra gu ɔno ara n’asebaa* ho fĩ;+ na ɔbarima brɛ ne nuabaa ase, ɔno ara ne papa ba.+