12 Wɔn dua+ bosom nkyɛn na me man kɔ abisa,+ na wɔn poma kasa kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom ama wɔayera,+ na adwamammɔ ama wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase.+
7 Na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛhunu abrɛfoɔ tiri so mfuturo,+ na wɔpia ahobrɛasefoɔ to nkyɛn;+ na obi ne ne papa kɔ ɔbaa korɔ ho+ de gu me din kronkron no ho fĩ.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛtwa ahoni din afiri asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ+ ne honhom fĩ nyinaa nso afiri asase no so.+