Hosea
6 “Mommra mma yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn,+ ɛfiri sɛ watete yɛn mu deɛ,+ nanso ɔbɛsa yɛn yareɛ;+ wapira yɛn, nanso ɔbɛkyekyere yɛn akuro.+ 2 Nnanu akyi no, ɔbɛma yɛanya nkwa.+ Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛatena ase n’anim.+ 3 Yɛbɛhunu Yehowa, yɛbɛhwehwɛ no ahu no.+ Ɔbɛfiri adi; yei si pi+ te sɛ adekyeeɛ.+ Ɔbɛba ama yɛn te sɛ nsuo a ɛretɔ,+ te sɛ adonsuo a ɛfɔ asase.”+
4 “Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda?+ Hwɛ, mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, te sɛ bosuo a ɛyera ntɛm. 5 Enti mɛma adiyifoɔ no atwa wɔn afiri hɔ;+ mede m’anom asɛm bɛku wɔn.+ Na atemmuo bɛba wo so te sɛ hann a apue.+ 6 Mepɛ adɔeɛ,+ na ɛnyɛ afɔrebɔ;+ Onyankopɔn ho nimdeɛ, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+ 7 Nanso wɔabu apam no so+ te sɛ ɔdasani, na ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.+ 8 Gilead+ yɛ amumuyɔfoɔ kuro; wɔn anammɔn yɛ mogya.+ 9 Asɔfoɔ no yɛ adwotwafoɔ+ dɔm a wɔtɛ nnipa.+ Na wɔdi awu wɔ Sekem+ kwankyɛn, ɛfiri sɛ abusudeɛ adi wɔn ti.+ 10 Mahunu ahodwirideɛ wɔ Israel fie.+ Ɛhɔ na Efraim bɔɔ adwaman.+ Israel agu ne ho fĩ.+ 11 O Yuda, wɔayi twaberɛ bi asi hɔ ama wo, berɛ a mɛboa me manfoɔ a wɔwɔ nkoasom mu ano aba no.”+