Hosea
7 “Berɛ biara a mepɛ sɛ mesa Israel yareɛ no,+ Efraim amumuyɔ+ ne Samaria nnebɔne da adi,+ ɛfiri sɛ wɔdi nnaadaasɛm,+ ɔkorɔmfoɔ bubu kɔ afie mu, na adwotwafoɔ hwim nneɛma wɔ mmɔnten so.+ 2 Nanso ɛmma wɔn akomam+ da sɛ mɛkae wɔn nnebɔne no nyinaa.+ Afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia;+ ne nyinaa abɛduru m’anim.+ 3 Wɔde wɔn nnebɔne ma ɔhene di ahurisie, na wɔn nnaadaa ma aberempɔn ani gye.+ 4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,+ na wɔte sɛ fononoo a paanootofoɔ asɔ mu gya. Sɛ ɔfete esiam no wie a, ɔnka gya nhyem bio kɔsi sɛ emu bɛka. 5 Yɛn hene da no, aberempɔn yareyareeɛ,+ na nsã nti anibereɛ baeɛ.+ Ɔne afɛdifoɔ na ɛdi nsawɔsoɔ. 6 Na wɔama wɔn akoma adɔ te sɛ deɛ ɛwɔ fononoo ho;+ ɛdɛre wɔn mu.+ Wɔn paanootofoɔ no da anadwo mũ nyinaa; na ɛduru anɔpa a, fononoo no dɛre te sɛ gyaframa.+ 7 Wɔn nyinaa adɔ sɛ fononoo, na wɔwe wɔn atemmufoɔ. Wɔn ahemfo atotɔ,+ na wɔn mu biara nni hɔ a ɔfrɛ me.+
8 “Efraim de ne ho afra amanaman no.+ Efraim te sɛ paanoo a wɔannanedane no.+ 9 Ahɔhoɔ atwetwe n’ahoɔden nyinaa,+ nanso ɔnnim;+ ɛdwono ayɛ ne tiri ho fitaa, nanso ɔnnim. 10 Afei Israel ahantan adi adanseɛ wɔ n’anim,+ na wɔnsan mmaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+ na yei nyinaa nti, wɔnhwehwɛɛ no.+ 11 Efraim te sɛ aborɔnoma tibɔnkɔso+ a ɔnni adwene.+ Wɔfrɛ Egypt,+ na wɔkɔ Asiria.+
12 “Baabiara a wɔbɛkɔ biara mɛtrɛ m’atena mu agu wɔn so.+ Na mɛtwe wɔn aba fam te sɛ wiem nnomaa.+ Mɛtwe wɔn aso sɛdeɛ kɔkɔbɔ a wɔde ama wɔn asafo no teɛ.+ 13 Wɔnnue,+ ɛfiri sɛ wɔadwane afiri m’anim!+ Ɔsɛeɛ mmra wɔn so ɛfiri sɛ wɔato me mmara! Meyɛɛ sɛ mɛgye wɔn,+ nanso wɔaka me ho atosɛm.+ 14 Wɔtwaa agyaadwoɔ wɔn mpa so, nanso wɔn akomam deɛ, wɔansu amfrɛ me.+ Wɔn ayuo ne wɔn nsã dɔkɔdɔkɔ nti wɔnantee basabasa,+ na wɔtee m’anim atua.+ 15 Na mekyerɛkyerɛɛ wɔn+ hyɛɛ wɔn basa mu den,+ nanso wɔbɔɔ me ho pɔ bɔne.+ 16 Wɔsan baeɛ, nanso wamma ɔsorosoroni no nkyɛn;+ na wɔayɛ sɛ agyan a emu agoɔ.+ Wɔn aberempɔn bɛtotɔ nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔn kɛtrɛma ka abususɛm,+ na wɔbɛdi wɔn ho fɛ wɔ Egypt asase so.”+