2 Ahemfo 20:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifoɔ+ Hesekia sɛ, ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn+ aka nie: “Mate+ wo mpaebɔ+ no. Mahunu wo nisuo,+ na meresa wo yareɛ.+ Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fie.+ Yesaia 26:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 “W’awufoɔ bɛnya nkwa.+ Na m’afunu bɛsɔre.+ Mo a mote mfuturo mu,+ monsɔre mmɔ ose! Wo bosuo+ te sɛ ɛfan+ ho bosuo, na asase bɛsan awo awufoɔ.+ Hesekiel 37:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 ‘Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa,+ na mede mo bɛtena mo asase so. Afei mobɛhunu sɛ me Yehowa na maka na mayɛ nso,’ Yehowa asɛm nie.”+ 1 Korintofoɔ 15:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 na wɔsiee no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa+ no, wɔnyanee no,+ sɛdeɛ Twerɛnsɛm no ka no;+
5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifoɔ+ Hesekia sɛ, ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn+ aka nie: “Mate+ wo mpaebɔ+ no. Mahunu wo nisuo,+ na meresa wo yareɛ.+ Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fie.+
19 “W’awufoɔ bɛnya nkwa.+ Na m’afunu bɛsɔre.+ Mo a mote mfuturo mu,+ monsɔre mmɔ ose! Wo bosuo+ te sɛ ɛfan+ ho bosuo, na asase bɛsan awo awufoɔ.+
14 ‘Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa,+ na mede mo bɛtena mo asase so. Afei mobɛhunu sɛ me Yehowa na maka na mayɛ nso,’ Yehowa asɛm nie.”+