Yesaia 32:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 kɔsi sɛ wɔbɛhwie honhom afiri soro+ agu yɛn soɔ na serɛ adane turo na wɔabu turo no sɛ kwaeɛ.+ Hesekiel 36:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Mede me honhom bɛhyɛ mo mu,+ na mɛma moanante m’ahyɛdeɛ mu+ na moadi m’atemmusɛm so.+ Hesekiel 37:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ nnompe yi nie: “Mede home bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa.+