5 “Wo ara wonim deɛ Seruia ba Yoab de yɛɛ me,+ sɛ ɔkum Israel asahene mmienu, Ner ba Abner+ ne Yeter+ ba Amasa;+ ɔkaa ɔsa mu mogya+ guu asomdwoeɛ berɛ mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa abɔsoɔ a ɛbɔ n’asene ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan no ho.
2 Ɔnokwafoɔ ayera afiri asase so, na adasamma mu deɛ ɔtene biara nni hɔ.+ Wɔn nyinaa kɔtɛ sɛ wɔbɛhwie mogya aguo.+ Obiara kura asau a ɔrehwehwɛ ne nua ayi no.+