6 Na mekaa+ sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu+ yɛ me fɛre+ mpo sɛ mɛma me tiri so akyerɛ woɔ; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne+ adɔɔso atra yɛn tiri so, na yɛn asodie ayɛ kɛse akɔduru soro.+
7 O Yehowa, wo na tenenee wɔ woɔ, na yɛn deɛ, animguaseɛ na ɛfata yɛn sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;+ ɛfata Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokorɛ a wɔanni woɔ nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa soɔ no.+
10 “Mehunuu Israel sɛ serɛ so bobe.+ Mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔma dua a aso n’aba a ɛdi kan.+ Wɔde wɔn ho maa Baal-Peor,+ na wɔhyiraa wɔn ho so maa aniwudeɛ,+ na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ adeɛ a wɔdɔ no no ara.+