17 Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane.+ Wɔbɛmemene wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie. Wɔbɛdi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrantɛ bɛbubu wo nkuro a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato soɔ no.”
13 “‘Sɛ wɔboaboa ano a, mɛma no asã koraa,’ Yehowa asɛm nie.+ ‘Bobe aba remma bobe dua so,+ borɔdɔma aba remma borɔdɔma dua so, na ɛso nhahan bɛdwan. Deɛ mede ama wɔn no bɛtwa wɔn ho akɔ.’”