11 Saa da no, Yehowa bɛtene ne nsa ne mprenu so+ de agye ne man nkaeɛ afiri Asiria+ ne Egypt,+ Patros+ ne Kus,+ Elam+ ne Sinar,+ Hamat ne po so nsupɔ+ nyinaa so.
10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigyeɛ ne wɔn atena daa.+ Ahurisie ne anigyeɛ na wɔn nsa bɛka, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.+
14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfoɔ no ano na mayi mo afiri aman nyinaa mu ne mmeaeɛ a mebɔɔ mo hweteeɛ no nyinaa,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo firi kɔɔ nkoasom mu no.’+
8 Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano afiri asase ano nohoa.+ Wɔn mu anifirafoɔ ne mmubuafoɔ ne apemfoɔ ne wɔn a awoɔ aka wɔn no, mɛboaboa wɔn nyinaa ano.+ Asafo kɛseɛ na wɔbɛsan aba ha.+