25 Na deɛ Yehowa aka nie: “Ɔdɔmmarima nkoa mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam,+ na wɔn a otirimuɔdenfoɔ afa wɔn no bɛdwane.+ Deɛ ɔne wo di asie no, me ne no bɛdi asie,+ na me ara mɛgye wo mma.+
3 “Na me ara mɛboaboa me nnwankuo nkaeɛ ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee soɔ no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+
3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfoɔ no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm nie.’”