14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfoɔ no ano na mayi mo afiri aman nyinaa mu ne mmeaeɛ a mebɔɔ mo hweteeɛ no nyinaa,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo firi kɔɔ nkoasom mu no.’+
27 “‘Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma wo bo nntu, O Israel.+ Mɛgye wo nkwa wɔ akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nkoasom asase so.+ Na Yakob bɛsan aba, na ne ho bɛdwo no na watena hɔ dwoodwoo a obiara renyi no hu.+