3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ soɔ no nyinaa so.+
13 Mɛyi wɔn+ afiri aman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsase so de wɔn aba wɔn asase so.+ Na mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, nsutene ho, asase no so tenabea nyinaa.+
14 Mɛma wɔn baabi pa adidi na Israel mmepɔ atenten so ayɛ wɔn tenabea.+ Ɛhɔ na wɔbɛnya tenabea pa+ adwodwo wɔn ho na wɔadi aduane pa wɔ Israel mmepɔ soɔ.”
12 “‘Mɛboaboa Yakob ano, mo nyinaa,+ na mɛka Israel nkaeɛ nyinaa aboa ano.+ Mɛka wɔn abom te sɛ nnwankuo a wɔwɔ nnwammuo mu, te sɛ nnwan a wɔwɔ adidibea,+ na nnipa bɛyɛ gyegyeegye wɔ hɔ.’+