15 Saa na ɛyɛeɛ a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanimfoɔ+ ne asase no so atitire nso, ɔde wɔn firi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.
11 Ɔmanfoɔ nkaeɛ+ a wɔgyaa wɔn kuro no mu, ne wɔn a wɔdane kɔɔ Babilon hene afã, ne nnipa a wɔaka no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+