2 Ahemfo 24:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na Babilon hene de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den nyinaa, nnipa mpemnson, ne adwumfoɔ ne abantofoɔ apem, ne mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+ 2 Berɛsosɛm 36:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Bio nso, ɔde wɔn a wɔfiri nkrantɛ ano kaeɛ no kɔɔ Babilon+ nkoasom mu, na wɔyɛɛ nkoa maa ɔne+ ne mma kɔsii sɛ Persia ahennie+ firii aseɛ. Kwadwom 1:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Amanehunu ne nkoadwuma bebrebe+ nti, Yuda kɔ nkoasom mu.+Wakɔtena amanaman mu.+ Ɔnnya homebea.N’ataafoɔ nyinaa ato no, ahohia mu.+
16 Na Babilon hene de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den nyinaa, nnipa mpemnson, ne adwumfoɔ ne abantofoɔ apem, ne mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+
20 Bio nso, ɔde wɔn a wɔfiri nkrantɛ ano kaeɛ no kɔɔ Babilon+ nkoasom mu, na wɔyɛɛ nkoa maa ɔne+ ne mma kɔsii sɛ Persia ahennie+ firii aseɛ.
3 Amanehunu ne nkoadwuma bebrebe+ nti, Yuda kɔ nkoasom mu.+Wakɔtena amanaman mu.+ Ɔnnya homebea.N’ataafoɔ nyinaa ato no, ahohia mu.+